Rich Afrika, Poor Afrikan

Lyrics: Kwame Brenya Music: Kwame Brenya RICH AFRIKA, POOR AFRIKAN Abibifoɔ, Yɛyɛ adefoɔ, nanso yɛnne yɛho Yɛwɔ biibiaa bi, nanso biibiaa gyesɛ yɛkɔsrɛ
AFRIKA IS RICH BUT THE AFRIKAN IS POOR THE LAND IS RICH BUT THE PEOPLE ARE SICK AFRIKA IS RICH "yɛwɔ kookoo, fangoo, ne sikakɔkɔɔ " BUT THE AFRIKAN IS POOR. "ɛkɔm, yadeɛ, ohia ne ɛka" THE LAND IS RICH "yɛwɔ nnuaba, nnuane, nsuo, ne mmoa BUT THE PEOPLE ARE SICK
Yɛte nsuo ho nanso sukɔm de yɛn Hu na yɛnhu anaa ani na yɛnni bi Yɛte sika so nanso ɛkɔm ɛɛmene yɛn Yɛn ara yɛ sikakɔkɔɔ, yɛtu a yɛnni bi Yɛte nnuane mu nanso ɛkɔm rekum yɛn Nea ɔɔkyɛ ama obiaa anya bi adie no ɔde ɔman agyapadeɛ resiesie ne fie Yɛgyina aduro ho, nanso yadeɛ adokoro yɛn Yɛnnuro nyinaa firi amanɔne ɛwɔ aberɛ a yɛte nhahan mu. Oh! Abibiman.
AFRIKA IS RICH BUT THE AFRIKAN IS POOR THE LAND IS RICH BUT THE PEOPLE ARE SICK
Aman mpaninfoɔ no akyɛ ɔman agyapadeɛ no afa Enti sɛ yɛɛpɛ biribi ayɔ a gyesɛ yɛkɔbɔ bosea Ama ɔman no akɔdi ahɔhoɔ nsa Yɛte yɛkrom nso ɛkuro no yɛ nkorɔfoɔ foforɔ dea Sɔre! ɔman Ghana, Na mo kwaeɛ ne mo sikakɔkɔɔ no na wɔretontɔn no Sɔre! ɔman Libya, Mo fangoo na wɔretu korɔ no Botswana mo nsɔre, Na mo dɛnkyɛmmoɔ no rekɔdi amanfo so Abibiman, sɔre. Nigeria, sɔre Ethiopia, Kenya Mozambique, sɔre Burkina, Senegal Congo sɔre! Sɔre Sɔre Sɔre Abibiman!
AFRIKA IS RICH BUT THE AFRIKAN IS POOR THE LAND IS RICH BUT THE PEOPLE ARE SICK